Ma Yɛnsere Kakra (Fa w’adwene si ayɔnkofa so sima 10) Yεnkɔ Onyankopɔn anim (Fa w’adwene si)
Obaako nni kuo mma no anim na wɔmfa anuonyam ma Onyankopɔn sεdeε Honhon kronkron bεkyerε wɔn biara.
Ma Yεnsua N’asεm (Fa w’adwene si Onyakonpɔn asεm so) Twerεsεm Titire: Aso 2:42-47. Sua Gu Tirim: Mat. 18:20
“Na deε baanu anaa baasa ahyiam me din mu no, εhɔ na mewɔ wɔn mfimfini”
NNIANIM
Wɔ Afiafie kuo adesua mu no, asɔre mma a wɔte bεn a wɔkura botaeε baako a wɔde adeε baako asi wɔn ani so no ka wɔn ho bom na wɔdwendwene ɔkwan a wobεfa so na wɔn nsa atumi aka botaeε baako a esi wɔn anim no.
Akwanya wɔ hɔ sε wonya ayɔnkofa wɔ fie, asɔre ne sukuu mu. Afie akuo adesua no ma Kristofoɔ nya ayɔnkofa a emu yε den, efirisε kuo mma no tumi hunu wɔn mu biara fie mmaako mmaako ntεm, wɔsra ho wɔn ho, bɔ mpaeε ma wɔn ho wɔn ho; na wɔhyehyε wɔn ho wɔn den wɔ akwan ahoroɔ pii so. Ɛsε sε yεhunu sε Kristofoɔ ayɔnkofa a emu yε den no gyina Onyankopɔn asεm adansedie so.
NSUSUHO
1. Deεn na asomafoɔ no kuraa mu? Aso 2:42
2. ƆKwan bεn so na Onyankopɔn tumi fa daa ne ho adi wɔ agyidifoɔ no mu? Aso 2:43
3. Ɔkwan bεn so na wɔn a wogye diiε no fa tenaa ase? Aso 2:44
4. Ɔkwan bεn so na wɔfa daa no adi sε wɔn nyinaa yε baako? Aso 2:45
5. Ɔkwan bεn so na saa baakoyε no fa boaa wɔn ayɔnkofa no?
6. Deεn nti na ayɔnkofa ho hia wɔn fie kuo adesua no mu?
7. Mfasoɔ bεn na wɔn ayɔnkofa no de brεε wɔn? Aso 2:47
Awieeɛ
Onyankopɔn ahyε bɔ ne nkorɔfoɔ ho sε, baabiara a wɔbεhyia wɔ ne din mu no na ɔka wɔn ho, Mat.18:20. Sε nokorε asuafoɔ hyia mu wɔ ne din mu a, εnyε sε ɔka wɔn ho nko na mmom ɔde nhyira a εtoɔ rentwa da hyira wɔn. Ayɔnkofa a nokorε wɔ mu no boa ma kuo ba biara nya deε ohia: ɛboa ma wɔn a wɔwɔ ahokyerε mu no ho hare wɔn. Kuo no mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ a aka no tu kuo mma no fo, ma wɔn akwankyerε, na afei nso wɔbɔ wɔn ho ban. Yei boa kuo mma no akwan ahoroɔ pii so ma wɔde wɔn ho firi ɔhaw ahoroɔ pii mu. Yei yε adenya kεseε ma wɔn a wɔyε kuomma no.
Kae Me Mpaebom (Fa w’adwene si so sε wobɔ mpaeε ama kuo mma no ahiadeε ahoroɔ sima 10)
Kuomma no mmɔ mpaeε mma asɔfoɔ, asɔre mpanimfoɔ, Asɔre akannifoɔ, ne Fie-kuo no mu mpanimfoɔ na wɔmfa wɔn ho nhyε kuo no mu yie. Wɔbεtumi abɔ mpaeε afa ade biara ho nso. Ma Wɔnhunu Yesu (Fa w’adwene si asεmpaka so sima 10) Kuoba baako nni kuo mma no anim mma wɔmmɔ mpaeε mma wɔn abusuafoɔ a wɔnnyε agyidifoɔ. Wɔnsrε Onyankopɔn mma ɔnyi wɔn mfiri bɔne ne ɔbonsam tumi mu.
Tuesday, 10 February 2015
Nnawɔtwe: 7 - Afie Mu Akuo Mu Ayɔnkofa
Subscribe to:
Post Comments (Atom)
No comments:
Post a Comment