Friday, 27 November 2015
2015 NOVEMBER WEEK FIVE HOME CELL STUDY / ACTIVITY
Wednesday, 25 November 2015
NNAWƆTWE A ƐTƆ SO NNAN, OBUBUO 2015
NNAWƆTWE 47 AHANTAN I
Ma Yεnsere Kakra (Momfa mo ani nsi anyɔnkofa so - sima 10)
Di kuo mma no anim na obiara mmɔ din a ɔpε a εwɔ Twerε Kronkron mu.
Ma yεmforo nkɔ N’anim (Momfa mo ani nsi ɔsɔreε so – sima 10)
Di kuo mma no anim na mo nsɔre Awurade sεdeε Honhom Kronkron kyerε yεn no.
Ma Yεnsua N’asεm no (Momfa mo ani nsi nsεm no so – sima
40)
ADESUADEƐ: AHANTAN I
Sua gu wo tirim: Mmebusεm 11:2 Ahantan ba a, na aniwu ba na ahobrεasefoɔ na nyansa ne wɔn te.
Adesua titire: Ester 1:10 – 18
NNIANIMU
Ahantan yε adeε a etumi sεe obi hyεbrε - Awurade kyiri ahantanfoɔ. Osi ahantanfoɔ kwan (I Petro 5:5) Sε Onyankopɔn a wotwere no no, ne wo di asie a, na wowɔ ɔhaw kεseε mu pa ara. Efiri yεn adesua titire no mu no, yesua faa ɔhemmaa a wɔtuu no adeε so esiane ahantan nti.
Ɔhene Ahasweros a odi Susa so hyεε ne nsahyεfoɔ sε wɔmfa ɔhemmaa Wasti mmara ɔhene anim,ɔmmε ahennie abotire no na ɔmma ɔman no ne mmapɔmma no nhunu n’ahoɔfε nanso ɔhemmaa Wasti ankɔ ɔhene frε no. Wasti ahantan no gyina n’ahoɔfε so efirisε wokan twerε no a, na wɔse ne ho yε fε. (Ester 1:10-12).
Ahantan yε ade kεseε baako a εsεe onipa ananmɔntuo. Ɛnyε ɔhaw mma Onyankopɔn sε ɔbεhyira yεn berε a yεbɔ mpaeε kyerε no na mmom εyε yεn suban bɔne na esi yεn dom ho kwan na εde yεn ba fam koraa.
NSUSUHO
Wote ahantan ase sεn?
Nsunsuansoɔ bεn na ɔhemmaa Wasti ahantan no de bae (Ester 2:4)
Deεn na Onyankopɔn de yε ahantanfoɔ ( I Peter 5:5b)
Deεn na woankasa no, woasua?
Deεn na yebetumi ayε de atwe yεn ho afiri ahantan suban ho?
AWIEEƐ
Wobεtumi afa no sε anka wo na woyε ɔhemmaa Wasti bεyε sima baako? Anka wobεtumi agyina animguaseε, ɔyea ne nsεm keka a wɔbεka afa tu a wɔatu wo adeε so no ho? Ɔkwan a εyε mmerε a obi bεtumi ahwere Onyankopɔn dom ne sε, ɔbεyε ahantan. Ɔkwan a εsan yε mmerε bio a obi betumi asεe n’ayɔnkofa, dibea, Onyankopɔn adwuma ne awareε ne sε ɔbεyε ahantan. Ɛnam ahantan so na ɔbonsam hwee aseε. Na ɔpε sε ɔyε sε Onyankopɔn εna ɔde hweree ne dibea. Saa ara nso na ɔyere anaa okunu bi ahantan tumi sεe wɔn awareε. Sε wowɔ ahantan bi wɔ wo akoma mu a, bɔ mpaeε fa ho pa ara na Onyankopɔn ansi wo kwan.
Boa me mpaeεbɔ (Monkɔ so ara mmɔ mpaeε mma kuo mma no ahiadeε) Kuo mma no mmɔ mpaeε na Honhom Kronkron nhyε wɔn ma. Bɔ mpaeε ma kuo mma no na wɔmmerε wɔnho ase na wɔanyε ahantan.
Ma Wɔnhunu Yesu (momfa mo ani nsi asεmpatrε so – sima 10)
Di kuo mma no anim na mo mmɔ mpaeε mma wɔn a ahantan ahyε wɔn ma. Mo mmɔ mpaeε mma amanɔne asεmpatrε no.