Thursday, 16 April 2015

NNAWƆTWE 15 AKWADWORƆ I

NNAWƆTWE 15 AKWADWORƆ I
Ma Yεnsere Kakra (Momfa mo ani nsi ayɔnkofa so – sima – 10)
Di kuo mma no anim na obiara nka nna bi a ɔda kyεe ho asεm

Ma Yεnkɔ N’anim (Momfa mo ani nsi ɔsɔreε so – sima 10)
Di kuo mma no anim na wɔnsɔre Awurade sεdeε Honhom Kronkron no hyε yεn no.

 Ma Yεnsua N’asεm (Fa wadwene si asεm no so – sima 40)
 ADESUADEƐ: AKWADWORƆ I

Sua Gu Wo Tirim: Mmebusεm 10:4 “Ohia behia deε ɔtwentwεn ne nsa ase na nsiyεfoɔ nsa na wonya wɔn ho.”
Adesua Titire: 2 Tesalonikafoɔ 3:6-15

NHYƐNMU:
Twerε no wɔ nnoɔma pii ka de fa nnebɔne a εwɔ aniha ho. Asεmfua a, mpεn pii no wɔde gyina hɔ de ma aniha wɔ Twerε Kronkron mu ne “Akwadworɔ” a ne nkyerεase ne obi a ɔyε nyaa, aniha anaa deε ɔmpε hwee yε. Ɔkwadwofoɔ no mpε sε ɔbεyε adwumaden biara. Mmebusεm nwoma no de ɔkasamu ahoroɔ pii na εkyerεkyerε asεmfua akwadworɔ mu. Wɔse akwadwofoɔ no nsua mfiri ntatea nkyεn Mmebusεm 6:6 Ɔpε nna, Mmeb. 6:9 ɔbεdi hia, Mmebusεm 6:11. Sε wosoma onihawfɔ a, woanya amane Mmebusεm 10:26, Ne kɔn dɔ nanso onya hwee Mmebusεm 13:4 Ɔmmfuntum wɔ awɔ berε mu. Mmebusεm 20:4 Ɔkwadwofoɔ no nya biribi de yi ne ho ano wɔ adwuma ho “Gyata wɔ mmɔten so, Mmebusεm 26:13.
Aniha yε ade bɔne wɔ baabiara efirisε εde ohia ne nyarewa ba. Ɛde anibre ne basabasa yε ba. Abebuo a εfa talente ho no, Yesu kyerε akoa no a wamfa ne talente no anyε adwuma no, yε ohihafoɔ ne otrimɔdenfoɔ. Mateo 25:26. Berε a Awurade de onipa kɔduaa Eden turom no, a εhɔ yε paradise no, ɔhyεε onipa sε ɔnyε mu adwuma na ɔnhwε so. Gen. 2:15. Awurade anigye adwuma ho. 

NSUSUHO 
1. Deεn ne akwadworɔ? 
2. Wɔ yεn adesua titire mu no, wɔhyε anuanom sε wɔntwe wɔn ho mfiri nkorɔfoɔ bi ho. Ɛhefoɔ na wɔntwe wɔnho mfiri wɔn ho no? 2 Tesa. 3:6 
3. Mmara bεn na Paulo hyε maa Tesalonika asafo no? 2 Tesa. 3:10 
4. Deεn nhwεsoɔ na Paulo reka akyerε asafo no sε wɔnni so no? 2 Tesa. 3:7,8 
5. Ahyεdeε bεn na Paulo hyεε maa wɔn a wɔyε terεterε no 2 Tesa 3:12 
6. Ɛyε sε wobεkyεonihafoɔ adeε? 

AWIEEƐ 
2 Tesa 3:6-15 bɔ yεn kɔkɔ wɔ aniha ne akwadworɔ ho wɔ yεn asɔre mu. Paulo de ne ho yε mfatoho berε a ɔkyerεkyerε na ɔka nsεmpa no na afei nso ɔsan yεε adwuma de nyaa sika a ɔde hwε neho. Na ebinom wɔ asafo no mu a, na wɔn de wɔmpε sε wɔyε adwuma. Paulo hyεε mmara wɔ asɔre no no mu sε, sε onipa nyε adwuma a, mma ɔnnidi (nkyekyem 10). Ɔhyεε asafo mma no sε mma wɔmfa wɔnho mmata ɔkwadwofoɔ a wɔwɔ asafo no mu no. Esiane akwadworɔ nti saa asafo mma no kɔ afiafie mu kɔdi nsekuro keka deε εnyε fa asafa no ho srεsrε adeε ma ebinommpo nso srε sika. Paulo kasa kyerε asafo no bɔ wɔn kɔkɔ sε wɔntwe wɔnho mfiri nnipa a wotete saa ho. 

Kae Me Mpaebom 
(Mo mmɔ mpaeε mma kuo no ahiadeε – sima 10) Kuo mma no mmɔ mpaeε mma wɔnho wɔnho mfa wɔn ahiadeε titire bi ho ne wɔn nso a wɔnyε adwuma no. 

Ma wɔnhunu Yesu
 ( Momfa mo ani nsi assεmpatrεw so – sima 10) Di kuo mma no anim na wɔn mmɔ mpaeε mma wɔn mpɔtam a wotw, ɔman no ne asɔfoɔ a wɔyε amanɔne adwuma no sεdeε εbεyε na Onyankopɔn animuonyam bεda adi. Afei nso mo mmɔ mpaeε ntra ahomhom a wɔsɔre tia asεmpa no na wɔn anim ngu ase.

No comments:

Post a Comment