Sunday, 22 March 2015

HOME CELL 2015 WEEK 12 IN TWI

NNAWOTWE  12 Ayamyɛ
Ma Yεnsere Kakra (fa w’ani si ayɔnkofa so - sima du)
Bisa kuomma na wɔnka ayemye su a wɔdaa no adi ne deε εmaa wɔdaa saa su no adi.
Ma Yɛmforo nkɔ n’anim (fa w’ani si ɔsɔreε so - sima du)
Boa kuomma wɔ ɔsɔre mu berε a wɔde wɔn ani resi papa a Onyankopɔn yε ne mma, n’ayamyε ne ne hwεso pa.
Ma Yɛnsua N'asɛm (fa w’ani si Onyankopɔn Asεm so -  sima du)
ADESUAƐ: AYAMYε
Sua Gu Wo Tirim: Mmebusεm 11: 25
Ɔyamyεfoɔ bεdɔ sradeε, na deε ɔma ebinom mee no nso bεmee.”
Akenkansεm Titire: Asomafoɔ 9:36-42
NNIANIM
Ne tiawa mu no, ayamyε yε ɔpεpa a obi wɔ sε ɔbεma. Obi a ne yam yε no nya anigyeε ne ahotosoɔ sε ɔde ne sika, nnepa na mpo ne berε besi hɔ ama afoforɔ ahiadeε. Twerε Kronkron mu Nyankopɔn no yε Onyankopɔn a ɔda ne ho adi sε ne yam yε. Wɔ adebɔ mu no, Onyankopɔn ayamyε da adi wɔ nnoɔma a abu so na εyε fε a ɔde ama sε εma yεn anigyeε ne ahotɔ. Wɔ nkwagyeε mu nso, yεhunu Onyankopɔn dɔ ne n’ayamyε wɔ sεdeε ɔde ne ba korɔ maeε. Twerε Kronkron no kasa tia ayamyε a εyε animuonyampε hunu. Nnepa bi te sε Onyankopɔn sompa, animteε, papayε, tema ne mmɔborɔhunu nyinaa da adi wɔ onipa a ne yam yε ho. Wɔ εnnε akenkansεm no mu no, yεkenkan faa Dorka, ɔbaa a nnwuma pa ne mmɔborɔhunu ahyε no ma na εmaa nnipa nyinaa pεε n’asεm ho. Esiane ne mmɔborohunu nti, wɔn a ɔyεε wɔn adɔeε no kɔsrεε sε wɔnyane no mmεka ateasefoɔ ho berε a na wawuo.
NSUSUHO
1. Deεn ne ayamyε?
2. Deεn ne Dorka su a na εda nso? Asomafoɔ 9:36
3. Adeεn nti na asuafoɔ no soma kɔfrεε Petro? Asomafoɔ 9:37
4. Kwan bεn so na akunafoɔ no faa so suu Dorka? Asomafoɔ 9:39
5. Deεn na Ɔsomafoɔ Petro yεe berε a oduruu Yopa? Asomafoɔ 9:40-41
6. Kwan bεn so na yεbεfa anya ɔma su yεn abrabɔ mu?

AWIEEƐ
Ayamyε yε su a εyε a εsε sε Kristoni biara da no adi. Nyankopɔn ayamyε no da ne ho adi akwan ahoroɔ beberεe so wɔ dabiara mu, nkwa akyεde ne apɔwmuden. Aduan, beae a yεda ne ntadehyε mu nyinaa yε Onyankopɔn akyεde.
Onyankopɔn rehwε kwan sε yebetumi adi n’anamɔn akyi, sεdeε ɔma kwa no, saa ara nso na εwɔ sε yεn nso ma wɔn a wɔwɔ ahiadeε nyinaa. Mmɔborohunu nnyε atenka bi. Sε wɔbεnya ahummɔboro no firi ɔpε mu, nti ma no nyε wo asεdeε sε dabiara no, wobεpε akwannya bi a wobεtumi aboa, berε a obi wɔ ahiadeε te sε sika, mmoa ne berε. Yete Dorka din wɔ Twerε Kronkron mu efirisε ɔdaa mmɔborohunu ne nnwuma pa adi. Ɔde ne mmere ne deε ɔwɔ nyinaa somm ahiafoɔ, na yei ma no nyaa akwannya bio tenaa ase.

Kae Me Mpaebom (Fa w’ani si sε worebɔ mpaeε ama kuo mma no ahiadeε – sima du)
Kuomma mmɔ mpaeε mma wɔn ho wɔn ho wɔ wɔn ahiadeε ho. Bio kuomma mmɔ mpaeε nserε ayamyε abrabɔ ho dom.
Ma Wonhunu Yesu (Fa w’ani si asεmpatrε so – sima du)
Di asafomma anim na wɔmmɔ mpaeε mma mpɔtam, ɔman ne asεmpatrε adwosu ahoroɔ nyinaa sε Awurade animuonyam bεda adi wɔ hɔ. Bio, bɔ mpaeε ma mmɔfra a wɔnenam basaabasaa, tuutuufoɔ ne wɔn a wɔatɔ nnubɔnenom mu ntentan.

No comments:

Post a Comment