Sunday 12 November 2017

2017 NNAWƆTWE 46 ASANTE TWI

NNAWƆTWE 46
SUA SETIE AMANEHUNU MU

Twerɛsɛm Titire: Yohane 7:1-10
SUA GU WO TIRIM: Ɔyɛ Ɔba deɛ, nanso ɔsuaa amaneɛ a ɔhunuiɛ no mu setie. – Hebrifoɔ 5:8

NNIANIM
Akristofoɔ bebree po amanehunu na wɔhu no sɛ ɛyɛ adebɔne. Wɔ Akristofoɔ bebree adwene mu no, “amanehunu” bɛtumi ayɛ “adeɛ biara a ɛbɛtumi ama yɛayɛ asoɔden wɔ Awurade nne ho.” Amanehunu da ne ho adi sɛ ɔtaa a ɛba yɛn gyidie so, mpoatwa, nsekuro, fɛkuobɔ, anisoadehunu a ɛkyɛre, ne nsɔhwɛ ahodoɔ. Twerɛ Kronkron nso ma yɛhunu amanehunu sɛ ɛyɛ akwanya a ɛma yɛsua adeɛ, na yɛnyini wɔ Kristom abrabɔ mu. Saa akwanya a yɛfa so sua adeɛ yi mu bi ne setie kwan so. Wɔ saa adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ na yɛasua adeɛ afiri ɛkwan baako so a Yesu a ɔyɛ Nyankopɔn a wabɛyɛ onipa no, faa so suaa adeɛ na ɔnyinii wɔ setie mu.

NSUSUHO
1.Adɛn nti na na Yesu se wiase tane No no? Nkyekyɛmu 7
2.Adɛn nti na na Yesu nuanom no rehyɛ no sɛ ɔnkɔ afahyɛ no bi? Nkyekyɛm 3-5
3.“Me berɛ nnya nnurui”, ɛdeɛn na Yesu rekyerɛ wɔ ha? Nkyekyɛm 8
4.Ma nhwɛsoɔ bi a wo nnamfonom anaa abusuafoɔ binom hyɛɛ wo sɛ wobɛyɛ biribi atia Nyankopɔn pɛ.
5.Kwan bɛn so na yɛbɛsi afa Yesu nhwɛsoɔ so sɛdeɛ ɛbɛma yɛayɛ setie ama Nyankopɔn pɛ ne ne mmerɛ wɔ yɛn abrabɔ nyinaa mu?

AWIEEƐ
Wiase tane Yesu ɛfiri sɛ Ɔkasa tia ne nneyɛeɛ bɔne. Amanehunu biara de nnoɔma mmienu na ɛsi Ɔkristoni ani so – sɛ ɔbɛnyini wɔ ne setie a ɔde ma Awurade apɛdeɛ mu anaa sɛ ɔde mmuaeɛ bɔne bɛba. Wɔ ne nyamesu amayɛ nyinaa mu no, Yesu baa nipa tebea mu no, ɔsua adeɛ na ɔnyinii wɔ setie a ɔwɔ ma Agya no wɔ amanehunu bebree a ɛbaa n’akwan mu no. Amanehunu yɛ Nyankopɔn kwan a wahyehyɛ sɛ yɛbɛfa so asua suban pa te sɛ setie wɔ Kristosom abrabɔ mu. Ɛsɛ sɛ yɛde hyɛ yɛn adwene mu sɛ amanehunu yɛ akwannya kɛseɛ a Akristofoɔ nya de sua adeɛ na woanyini wɔ setie a wɔyɛ ma Awurade nne mu.